Psalms 131

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.


1 Awurade, ahomaso nni me koma mu,
na mʼani ntraa me ntɔn ɛ;
memma nsɛm akɛse nhaw me
anaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa dodo ma me.

2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam
te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no,
te sɛ akokoaa a otua nufu ano no,
saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.


3 Israel, ma wʼani nna Awurade so,
mprempren ne daa nyinaa.
Copyright information for TwiAKNA